Yesaia 2:3
Isaiah 2:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem.
Isaiah 2:3 in English
Isaiah 2:3 · Berean Standard Bible
And many peoples will come and say: “Come, let us go up to the mountain of the LORD, to the house of the God of Jacob. He will teach us His ways so that we may walk in His paths.” For the law will go forth from Zion, and the word of the LORD from Jerusalem.
Context
1Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho. 2Nna a ɛdi akyire no mu no,
Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim
sɛ mmepɔ no nyinaa ti;
ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so
na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ,
“Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so,
nkɔ Yakob Onyankopɔn efie.
Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.”
Mmara no bɛfiri Sion aba
na Awurade asɛm afiri Yerusalem. 4Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn
na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm;
wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ
na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ.
Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena,
na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 5Mommra, Ao Yakob fiefoɔ,
momma yɛnnante Awurade hann mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.