Native Bible

Isaiah 2:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho.

Isaiah 2:1 in English

Isaiah 2:1 · Berean Standard Bible

This is the message that was revealed to Isaiah son of Amoz concerning Judah and Jerusalem:

Context

1Yei ne deɛ Amos babarima Yesaia hunuiɛ, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho. 2Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.