Native Bible

Isaiah 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.

Isaiah 2:4 in English

Isaiah 2:4 · Berean Standard Bible

Then He will judge between the nations and arbitrate for many peoples. They will beat their swords into plowshares and their spears into pruning hooks. Nation will no longer take up the sword against nation, nor train anymore for war.

Context

2Nna a ɛdi akyire no mu no, Awurade asɔredan bepɔ no bɛtim sɛ mmepɔ no nyinaa ti; ɛbɛgye edin aboro nkokoɔ nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 3Nnipa bebree bɛba abɛka sɛ, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔ no so, nkɔ Yakob Onyankopɔn efie. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛnante nʼakwantempɔn so.” Mmara no bɛfiri Sion aba na Awurade asɛm afiri Yerusalem. 4Ɔbɛbu amanaman ntam atɛn na ɔbɛsiesie nnipa bebree ntam asɛm; wɔde wɔn akofena bɛbobɔ nsɔ na wɔde wɔn mpea ayɛ nsɔsɔ. Ɔman bi rentwe ɔman foforɔ so akofena, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio. 5Mommra, Ao Yakob fiefoɔ, momma yɛnnante Awurade hann mu. 6Awurade, Woagya wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ. Gyedihunu a ɛfiri apueeɛ fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifoɔ na wɔ ne abosonsomfoɔ di hwebom.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.