Native Bible

Isaiah 16:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae.

Isaiah 16:9 in English

Isaiah 16:9 · Berean Standard Bible

So I weep with Jazer for the vines of Sibmah; I drench Heshbon and Elealeh with my tears. Triumphant shouts have fallen silent over your summer fruit and your harvest.

Context

7Enti Moabfoɔ twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho. 8Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ. 9Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae. 10Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ. 11Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.