Native Bible

Isaiah 16:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ.

Isaiah 16:10 in English

Isaiah 16:10 · Berean Standard Bible

Joy and gladness are removed from the orchard; no one sings or shouts in the vineyards. No one tramples the grapes in the winepresses; I have put an end to the cheering.

Context

8Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ. 9Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae. 10Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ. 11Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset. 12Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a, ɔha ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a, ɛrenkɔsi hwee.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.