Native Bible

Isaiah 16:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a, ɔha ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a, ɛrenkɔsi hwee.

Isaiah 16:12 in English

Isaiah 16:12 · Berean Standard Bible

When Moab appears on the high place, when he wearies himself and enters his sanctuary to pray, it will do him no good.

Context

10Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu; obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu; obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so, ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ. 11Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset. 12Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a, ɔha ne ho kwa; sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a, ɛrenkɔsi hwee. 13Yei ne asɛm a Awurade aka dada afa Moab ho. 14Nanso seesei Awurade ka sɛ, “Mfeɛ mmiɛnsa mu, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Moab animuonyam bɛba awieeɛ, na ne nkaeɛfoɔ no bɛyɛ kakra bi a wonni ahoɔden.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.