Yesaia 16:11
Isaiah 16:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho te sɛ sankuten so kwadwom; na me yam hyehye me ma Kir Hereset.
Isaiah 16:11 in English
Isaiah 16:11 · Berean Standard Bible
Therefore my heart laments for Moab like a harp, my inmost being for Kir-heres.*
Context
9Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo,
de ma Sibma bobe mfuo.
Ao Hesbon, Ao Eleale,
mesu mo bebree!
Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie
ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae. 10Ahosɛpɛ ne anigyeɛ nni mfikyifuo no mu;
obiara nnto dwom, na ɔnteateam wɔ bobeturo mu;
obiara nnkyi nsã wɔ nsakyimena so,
ɛfiri sɛ mede nteateam aba nʼawieeɛ. 11Mesi apinie wɔ mʼakoma mu wɔ Moab ho
te sɛ sankuten so kwadwom;
na me yam hyehye me ma Kir Hereset. 12Sɛ Moab kɔ ne sorɔnsorɔmmea a,
ɔha ne ho kwa;
sɛ ɔkɔ nʼabosonnan mu kɔbɔ mpaeɛ a,
ɛrenkɔsi hwee. 13Yei ne asɛm a Awurade aka dada afa Moab ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.