Native Bible

Isaiah 16:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti Moabfoɔ twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho.

Isaiah 16:7 in English

Isaiah 16:7 · Berean Standard Bible

Therefore let Moab wail; let them wail together for Moab. Moan for the raisin cakes of Kir-hareseth, you who are utterly stricken.

Context

5Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi; ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so, obi a ɔfiri Dawid efie, deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho. 6Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ, nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn, nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden, nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu. 7Enti Moabfoɔ twa adwo, wɔbɔ mu su ma Moab. Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho. 8Hesbon mfuo no hye, Sibma bobe mfuo nso saa ara. Aman sodifoɔ no atiatia bobe papa no so, deɛ kane na wɔde kɔ Yaser na ɛtrɛtrɛ kɔ anweatam so no. Wɔn mman trɛtrɛ kɔka mpoano pɛɛ. 9Enti mesu sɛdeɛ Yaser suo, de ma Sibma bobe mfuo. Ao Hesbon, Ao Eleale, mesu mo bebree! Mo aduaba a abereɛ ho ahurisie ne otwaberɛ deɛ no, wɔagyae.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.