Yesaia 16:5
Isaiah 16:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi; ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so, obi a ɔfiri Dawid efie, deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.
Isaiah 16:5 in English
Isaiah 16:5 · Berean Standard Bible
in loving devotion * a throne will be established in the tent of David. A judge seeking justice and hastening righteousness will sit on it in faithfulness.
Context
3“Mommoa yɛn,
mommɔ yɛn ho ban.
Momfa yɛn nsie.
Monnyi atukɔtenafoɔ no mma. 4Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena;
monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.”
Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ
na adesɛeɛ to bɛtwa;
opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so. 5Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi;
ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so,
obi a ɔfiri Dawid efie,
deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee
na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho. 6Yɛate Moab ahantan a ɔyɛ,
nʼani a atra ne ntɔn ne ne ntɛn,
nʼahomasoɔ ne nʼasoɔden,
nanso hwee nni nʼahomasoɔ no mu. 7Enti Moabfoɔ twa adwo,
wɔbɔ mu su ma Moab.
Wɔdi awerɛhoɔ na wɔbɔ abubuo
wɔ Kir Hereset bobe aba ɔfam ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.