Yesaia 16:3
Isaiah 16:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mommoa yɛn, mommɔ yɛn ho ban. Momfa yɛn nsie. Monnyi atukɔtenafoɔ no mma.
Isaiah 16:3 in English
Isaiah 16:3 · Berean Standard Bible
“Give us counsel; render a decision. Shelter us at noonday with shade as dark as night. Hide the refugees; do not betray the one who flees.
Context
1Momfa nnwammaa sɛ apeatoɔ
nkɔma asase no sodifoɔ,
ɛfiri Sela fa anweatam no so,
kɔka Ɔbabaa Sion bepɔ no so. 2Sɛdeɛ nnomaa a wɔaka wɔn afiri pirebuo mu
na wɔtu nenam ewiem no,
saa ara na Moabfoɔ mmaa teɛ
wɔ Arnon asutwareɛ. 3“Mommoa yɛn,
mommɔ yɛn ho ban.
Momfa yɛn nsie.
Monnyi atukɔtenafoɔ no mma. 4Momma Moabfoɔ adwanefoɔ no ne mo ntena;
monyɛ wɔn banbɔ wɔ ɔsɛefoɔ no ho.”
Ɔhyɛsoni no bɛba nʼawieeɛ
na adesɛeɛ to bɛtwa;
opoobɔni no bɛyera wɔ asase no so. 5Ɔdɔ mu na Onyankopɔn bɛsi ahennwa bi;
ɔbarima bi de nokorɛdie bɛtena so,
obi a ɔfiri Dawid efie,
deɛ atemmuo mu no ɔpɛ atɛntenenee
na ɔntwentwɛn adeteneneeyɛ ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.