Native Bible

Isaiah 14:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ: hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ! Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!

Isaiah 14:4 in English

Isaiah 14:4 · Berean Standard Bible

you will sing this song of contempt against the king of Babylon: How the oppressor has ceased, and how his fury * has ended!

Context

2Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ. Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so. 3Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, 4mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ: hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ! Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa! 5Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu, sodifoɔ ahempoma no, 6deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn toatoaa so hwehwee fam, na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu de brɛɛ amanaman no ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.