Native Bible

Isaiah 14:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ. Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.

Isaiah 14:2 in English

Isaiah 14:2 · Berean Standard Bible

The nations will escort Israel and bring it to its homeland. Then the house of Israel will possess the nations as menservants and maidservants in the LORD’s land. They will make captives of their captors and rule over their oppressors.

Context

1Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsane afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakob efie aka abɔ mu. 2Amanaman bɛfa wɔn de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ. Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so. Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so. 3Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, 4mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ: hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ! Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.