Yesaia 14:1
Isaiah 14:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ; ɔbɛsane afa Israel na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so. Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.
Isaiah 14:1 in English
Isaiah 14:1 · Berean Standard Bible
For the LORD will have compassion on Jacob; once again He will choose Israel and settle them in their own land. The foreigner will join them and unite with the house of Jacob.
Context
1Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;
ɔbɛsane afa Israel
na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so.
Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho
na wɔne Yakob efie aka abɔ mu. 2Amanaman bɛfa wɔn
de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.
Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea
sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.
Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum
na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so. 3Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.