Yesaia 14:3
Isaiah 14:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no,
Isaiah 14:3 in English
Isaiah 14:3 · Berean Standard Bible
On the day that the LORD gives you rest from your pain and torment, and from the hard labor into which you were forced,
Context
1Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;
ɔbɛsane afa Israel
na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔ wɔn ankasa asase so.
Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho
na wɔne Yakob efie aka abɔ mu. 2Amanaman bɛfa wɔn
de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.
Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea
sɛ nkoa ne mfenaa wɔ Awurade asase so.
Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum
na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so. 3Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, 4mobɛdi Babiloniahene ho fɛ sɛ:
hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ!
Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa! 5Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu,
sodifoɔ ahempoma no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.