Yesaia 13:6
Isaiah 13:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.
Isaiah 13:6 in English
Isaiah 13:6 · Berean Standard Bible
Wail, for the Day of the LORD is near; it will come as destruction from the Almighty.*
Context
4Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so
te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ!
Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu,
te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!
Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko. 5Wɔfifiri akyirikyiri aman so,
wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so,
Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ;
bɛsɛe ɔman no nyinaa. 6Twa adwo, na Awurade da no abɛn;
ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no. 7Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo,
obiara akoma bɛboto. 8Wɔbɛbɔ hunu,
ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn;
wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,
a wɔn ani asosɔ ogya.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.