Native Bible

Isaiah 13:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛbɔ hunu, ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn; wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ ogya.

Isaiah 13:8 in English

Isaiah 13:8 · Berean Standard Bible

Terror, pain, and anguish will seize them; they will writhe like a woman in labor. They will look at one another, their faces flushed with fear.

Context

6Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no. 7Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo, obiara akoma bɛboto. 8Wɔbɛbɔ hunu, ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn; wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ ogya. 9Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no. 10Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.