Native Bible

Isaiah 13:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn.

Isaiah 13:10 in English

Isaiah 13:10 · Berean Standard Bible

For the stars of heaven and their constellations will not give their light. The rising sun will be darkened, and the moon will not give its light.

Context

8Wɔbɛbɔ hunu, ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn; wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no. Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim, a wɔn ani asosɔ ogya. 9Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no. 10Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn. 11Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti, ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho. Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase. 12Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa; ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.