Yesaia 13:9
Isaiah 13:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, Awurade da no reba ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu, ɛrebɛsɛe asase no na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.
Isaiah 13:9 in English
Isaiah 13:9 · Berean Standard Bible
Behold, the Day of the LORD is coming— cruel, with fury and burning anger— to make the earth a desolation and to destroy the sinners within it.
Context
7Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo,
obiara akoma bɛboto. 8Wɔbɛbɔ hunu,
ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn;
wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.
Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,
a wɔn ani asosɔ ogya. 9Hwɛ, Awurade da no reba
ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu,
ɛrebɛsɛe asase no
na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no. 10Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn.
Esum bɛduru owia a ɛrepue
na ɔsrane nso renhyerɛn. 11Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti,
ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho.
Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so
na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.