Native Bible

Isaiah 13:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa; ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.

Isaiah 13:12 in English

Isaiah 13:12 · Berean Standard Bible

I will make man scarcer than pure gold, and mankind rarer than the gold of Ophir.

Context

10Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn. Esum bɛduru owia a ɛrepue na ɔsrane nso renhyerɛn. 11Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti, ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho. Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase. 12Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa; ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ. 13Enti mɛma ɔsoro awoso; na asase ahinhim wɔ ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano, nʼabufuhyeɛ da no. 14Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.