Yesaia 13:14
Isaiah 13:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.
Isaiah 13:14 in English
Isaiah 13:14 · Berean Standard Bible
Like a hunted gazelle, like a sheep without a shepherd, each will return to his own people, each will flee to his native land.
Context
12Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa;
ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ. 13Enti mɛma ɔsoro awoso;
na asase ahinhim wɔ ne siberɛ
wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano,
nʼabufuhyeɛ da no. 14Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane,
anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan,
saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ.
Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so. 15Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no;
wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano. 16Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim:
wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.