Native Bible

Isaiah 13:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano.

Isaiah 13:15 in English

Isaiah 13:15 · Berean Standard Bible

Whoever is caught will be stabbed, and whoever is captured will die by the sword.

Context

13Enti mɛma ɔsoro awoso; na asase ahinhim wɔ ne siberɛ wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano, nʼabufuhyeɛ da no. 14Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so. 15Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano. 16Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa. 17Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.