Native Bible

Isaiah 13:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.

Isaiah 13:16 in English

Isaiah 13:16 · Berean Standard Bible

Their infants will be dashed to pieces before their eyes, their houses will be looted, and their wives will be ravished.

Context

14Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane, anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan, saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ. Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so. 15Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no; wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano. 16Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa. 17Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. 18Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.