Yesaia 13:17
Isaiah 13:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.
Isaiah 13:17 in English
Isaiah 13:17 · Berean Standard Bible
Behold, I will stir up against them the Medes, who have no regard for silver and no desire for gold.
Context
15Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no;
wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano. 16Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim:
wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa. 17Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn,
wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee
na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. 18Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam;
wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ
na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra. 19Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa,
animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no,
Onyankopɔn bɛdane abutu
te sɛ Sodom ne Gomora.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.