Yesaia 13:19
Isaiah 13:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa, animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no, Onyankopɔn bɛdane abutu te sɛ Sodom ne Gomora.
Isaiah 13:19 in English
Isaiah 13:19 · Berean Standard Bible
And Babylon, the jewel of the kingdoms, the glory of the pride of the Chaldeans, will be overthrown by God like Sodom and Gomorrah.
Context
17Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn,
wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee
na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. 18Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam;
wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ
na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra. 19Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa,
animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no,
Onyankopɔn bɛdane abutu
te sɛ Sodom ne Gomora. 20Nnipa rentena hɔ bio
awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;
Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ;
odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ. 21Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ.
Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma;
ɛhɔ na apatuo bɛtena,
ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.