Yesaia 13:20
Isaiah 13:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nnipa rentena hɔ bio awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ; odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.
Isaiah 13:20 in English
Isaiah 13:20 · Berean Standard Bible
She will never be inhabited or settled from generation to generation; no nomad will pitch his tent there, no shepherd will rest his flock there.
Context
18Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam;
wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ
na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra. 19Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa,
animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no,
Onyankopɔn bɛdane abutu
te sɛ Sodom ne Gomora. 20Nnipa rentena hɔ bio
awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;
Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ;
odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ. 21Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ.
Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma;
ɛhɔ na apatuo bɛtena,
ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ. 22Mpataku bɛpɔ so wɔ nʼaban denden mu,
sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma.
Ne berɛ aso,
na wɔrento ne nna mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.