Native Bible

Isaiah 13:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.

Isaiah 13:18 in English

Isaiah 13:18 · Berean Standard Bible

Their bows will dash young men to pieces; they will have no mercy on the fruit of the womb; they will not look with pity on the children.

Context

16Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim: wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa. 17Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn, wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho. 18Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam; wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra. 19Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa, animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no, Onyankopɔn bɛdane abutu te sɛ Sodom ne Gomora. 20Nnipa rentena hɔ bio awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu; Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ; odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.