Native Bible

Isaiah 13:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.

Isaiah 13:4 in English

Isaiah 13:4 · Berean Standard Bible

Listen, a tumult on the mountains, like that of a great multitude! Listen, an uproar among the kingdoms, like nations gathered together! The LORD of Hosts is mobilizing an army for war.

Context

2Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi, teaam frɛ wɔn: nyama wɔn ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu. 3Mahyɛ mʼahotefoɔ; mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi, wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie. 4Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ! Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu, te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano! Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko. 5Wɔfifiri akyirikyiri aman so, wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so, Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ; bɛsɛe ɔman no nyinaa. 6Twa adwo, na Awurade da no abɛn; ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.