Yesaia 13:3
Isaiah 13:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mahyɛ mʼahotefoɔ; mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi, wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.
Isaiah 13:3 in English
Isaiah 13:3 · Berean Standard Bible
I have commanded My sanctified ones; I have even summoned My warriors to execute My wrath and exult in My triumph.
Context
1Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie: 2Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi,
teaam frɛ wɔn:
nyama wɔn
ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu. 3Mahyɛ mʼahotefoɔ;
mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi,
wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie. 4Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so
te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ!
Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu,
te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!
Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko. 5Wɔfifiri akyirikyiri aman so,
wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so,
Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ;
bɛsɛe ɔman no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.