Native Bible

Isaiah 10:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?

Isaiah 10:8 in English

Isaiah 10:8 · Berean Standard Bible

“Are not all my commanders kings?” he says.

Context

6Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so. Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ, na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so. 7Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ. 8Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa? 9Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa? Hamat nte sɛ Arpad na Samaria nte sɛ Damasko anaa? 10Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ, ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.