Yesaia 10:6
Isaiah 10:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so. Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ, na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so.
Isaiah 10:6 in English
Isaiah 10:6 · Berean Standard Bible
I will send him against a godless nation; I will dispatch him against a people destined for My rage, to take spoils and seize plunder, and to trample them down like clay in the streets.
Context
4Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu
anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu.
Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,
na wama ne nsa so ayɛ krado. 5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa,
deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no! 6Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so.
Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so
sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ,
na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so. 7Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ
ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu.
Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe,
sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ. 8Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.