Yesaia 10:7
Isaiah 10:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.
Isaiah 10:7 in English
Isaiah 10:7 · Berean Standard Bible
But this is not his intention; this is not his plan. For it is in his heart to destroy and cut off many nations.
Context
5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa,
deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no! 6Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so.
Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so
sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ,
na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so. 7Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ
ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu.
Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe,
sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ. 8Na ɔbisa sɛ, ‘Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa? 9Kalno nyɛɛ sɛ Karkemis anaa?
Hamat nte sɛ Arpad
na Samaria nte sɛ Damasko anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.