Native Bible

Isaiah 10:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa, deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!

Isaiah 10:5 in English

Isaiah 10:5 · Berean Standard Bible

Woe to Assyria, the rod of My anger; the staff in their hands is My wrath.

Context

3Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ? 4Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado. 5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa, deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no! 6Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so. Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so sɛ wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ, na wɔntiatia wɔn so sɛ dɔteɛ wɔ mmɔntene so. 7Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu. Ne botaeɛ ne sɛ ɔbɛsɛe, sɛ ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.