Native Bible

Isaiah 10:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?

Isaiah 10:3 in English

Isaiah 10:3 · Berean Standard Bible

What will you do on the day of reckoning when devastation comes from afar? To whom will you flee for help? Where will you leave your wealth?

Context

1Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu, wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba, 2de tena ahiafoɔ ahofadie so, de atɛntenenee bɔ me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden. Wɔma akunafoɔ yɛ amanehunufoɔ na wɔbɔ nwisiaa korɔno. 3Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no, ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba? Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa? Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ? 4Ɛnka mo hwee sɛ mobɛfra nneduafoɔ mu anaa sɛ mobɛtotɔ wɔ atɔfoɔ mu. Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ, na wama ne nsa so ayɛ krado. 5“Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa, deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.