Yesaia 10:17
Isaiah 10:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.
Isaiah 10:17 in English
Isaiah 10:17 · Berean Standard Bible
And the Light of Israel will become a fire, and its Holy One a flame. In a single day it will burn and devour Assyria’s thorns and thistles.
Context
15Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ?
Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa?
Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so,
anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante! 16Afei Awurade, Asafo Awurade
de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no;
na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre
ahye wɔn animuonyam. 17Israel Hann no bɛdane ogya.
Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ;
ɔde dakoro bɛhye na wasɛe
ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse. 18Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no,
ɛbɛsɛe pasapasa
te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ. 19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi
a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.