Native Bible

Isaiah 10:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.

Isaiah 10:19 in English

Isaiah 10:19 · Berean Standard Bible

The remaining trees of its forests will be so few that a child could count them.

Context

17Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse. 18Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ. 19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ. 20Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ, Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no remfa wɔn ho nto no so bio. Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm. 21Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.