Yesaia 10:21
Isaiah 10:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.
Isaiah 10:21 in English
Isaiah 10:21 · Berean Standard Bible
A remnant will return *—a remnant of Jacob— to the Mighty God.
Context
19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi
a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ. 20Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ,
Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no
remfa wɔn ho nto no so bio.
Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no
mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm. 21Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no
bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn. 22Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ,
nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba.
Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden
a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ. 23Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ
a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.