Native Bible

Isaiah 10:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.

Isaiah 10:18 in English

Isaiah 10:18 · Berean Standard Bible

The splendor of its forests and orchards, both soul and body, it will completely destroy, as a sickness consumes a man.

Context

16Afei Awurade, Asafo Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no; na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre ahye wɔn animuonyam. 17Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse. 18Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no, ɛbɛsɛe pasapasa te sɛ ɔyarefoɔ a ne so reteɛ. 19Nnua a ɛbɛka wɔ ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ. 20Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ, Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no remfa wɔn ho nto no so bio. Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.