Native Bible

Isaiah 10:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ? Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa? Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so, anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!

Isaiah 10:15 in English

Isaiah 10:15 · Berean Standard Bible

Does an axe raise itself above the one who swings it? Does a saw boast over him who saws with it? It would be like a rod waving the one who lifts it, or a staff lifting him who is not wood!

Context

13Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, “ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei, na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee amanaman ahyeɛ. Mefoo wɔn ademudeɛ; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane. 14Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no, saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so; sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’ ” 15Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ? Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa? Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so, anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante! 16Afei Awurade, Asafo Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no; na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre ahye wɔn animuonyam. 17Israel Hann no bɛdane ogya. Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ; ɔde dakoro bɛhye na wasɛe ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.