Yesaia 10:13
Isaiah 10:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, “ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei, na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee amanaman ahyeɛ. Mefoo wɔn ademudeɛ; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane.
Isaiah 10:13 in English
Isaiah 10:13 · Berean Standard Bible
For he says: ‘By the strength of my hand I have done this, and by my wisdom, for I am clever. I have removed the boundaries of nations and plundered their treasures; like a mighty one I subdued their rulers.
Context
11Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa,
sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ ” 12Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho. 13Ɛfiri sɛ ɔka sɛ,
“ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei,
na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ.
Mesɛee amanaman ahyeɛ.
Mefoo wɔn ademudeɛ;
mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane. 14Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no,
saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so;
sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no
saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano;
obiara ammɔ ne ntaban mu,
na wammue nʼano ansu.’ ” 15Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ?
Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no yɛ adwuma anaa?
Ayɛ te sɛ deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so,
anaa sɛ aporibaa ankasa tumi nante!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.