Native Bible

Isaiah 10:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho.

Isaiah 10:12 in English

Isaiah 10:12 · Berean Standard Bible

So when the Lord has completed all His work against Mount Zion and Jerusalem, He will say, “I will punish the king of Assyria for the fruit of his arrogant heart and the proud look in his eyes.

Context

10Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ, ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no. 11Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa, sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ ” 12Sɛ Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka sɛ, “Mɛtwe Asiriahene aso wɔ nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho. 13Ɛfiri sɛ ɔka sɛ, “ ‘Mede mʼahoɔden na ayɛ yei, na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri sɛ mewɔ nimdeɛ. Mesɛee amanaman ahyeɛ. Mefoo wɔn ademudeɛ; mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te sɛ ɔbrane. 14Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no, saa ara nso na mɛtene me nsa wɔ amanaman no ahonyadeɛ so; sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya hɔ no saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano; obiara ammɔ ne ntaban mu, na wammue nʼano ansu.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.