Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma.

Hosea 9:8 in English

Hosea 9:8 · Berean Standard Bible

The prophet is Ephraim’s watchman, along with my God,* yet the snare of the fowler lies on all his paths. Hostility is in the house of his God!

Context

6Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ. 7Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ. 8Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma. 9Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho. 10“Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.