Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ.

Hosea 9:7 in English

Hosea 9:7 · Berean Standard Bible

The days of punishment have come; the days of retribution have arrived— let Israel know it. The prophet is called a fool, and the inspired man insane, because of the greatness of your iniquity and hostility.

Context

5Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no ne Awurade afahyɛ nna no nso? 6Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ. 7Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ. 8Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn yɛ Efraim so wɛmfoɔ, nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so, na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma. 9Wɔaduru porɔeɛ bunu mu, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu. Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.