Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no ne Awurade afahyɛ nna no nso?

Hosea 9:5 in English

Hosea 9:5 · Berean Standard Bible

What will you do on the appointed day, on the day of the LORD’s feast?

Context

3Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria. 4Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu. 5Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no ne Awurade afahyɛ nna no nso? 6Mpo sɛ wɔdwane firi ɔsɛeɛ mu a Misraim bɛboaboa wɔn ano, na Memfis bɛsie wɔn. Wɔn dwetɛ ahonyadeɛ bɛfu wira, na wɔn ntomadan adane nkasɛɛ. 7Asotwe nna no reba, akontabuo nna no aduru; ma Israel nhunu yei. Esiane mo bɔne bebrebe ne mo akokoakoko a adɔɔso enti mofa no sɛ odiyifoɔ yɛ kwasea na deɛ honhom akanyane noɔ no yɛ ɔbɔdamfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.