Hosea 9:3
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria.
Hosea 9:3 in English
Hosea 9:3 · Berean Standard Bible
They will not remain in the land of the LORD; Ephraim * will return to Egypt and eat unclean food in Assyria.
Context
1Nni ahurisie, Ao Israel;
nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no.
Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ,
wʼani gye adwamammɔ ho
wɔ ayuporobea nyinaa so. 2Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane;
nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn. 3Wɔrentena Awurade asase no so bio;
Efraim bɛsane akɔ Misraim
na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria. 4Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade,
na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani.
Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka;
wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi.
Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea
na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu. 5Ɛdeɛn na mobɛyɛ wɔ mo apontoɔ da no
ne Awurade afahyɛ nna no nso?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.