Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn.

Hosea 9:2 in English

Hosea 9:2 · Berean Standard Bible

The threshing floor and winepress will not feed them, and the new wine will fail them.

Context

1Nni ahurisie, Ao Israel; nsɛpɛ wo ho te sɛ aman a aka no. Ɛfiri sɛ woanni wo Onyankopɔn nokorɛ, wʼani gye adwamammɔ ho wɔ ayuporobea nyinaa so. 2Ayuporobea ne nsakyimena rentumi mma nnipa no aduane; nsã foforɔ nso bɛbɔ wɔn. 3Wɔrentena Awurade asase no so bio; Efraim bɛsane akɔ Misraim na wadi aduane a ɛho nteɛ wɔ Asiria. 4Wɔremmɔ ahwiesa afɔdeɛ mma Awurade, na wɔn afɔrebɔ nso nsɔ nʼani. Saa afɔrebɔ yi bɛyɛ sɛ aduane a ayiasefoɔ de wɔn nsa aka; wɔn a wɔdi nyinaa ho bɛgu fi. Saa aduane no bɛyɛ wɔn ankasa dea na wɔrentumi mmfa nkɔ Awurade asɔredan mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.