Hosea 9:10
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛberɛ a mehunuu Israel no, na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so; ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no, na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so. Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no. Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no.
Hosea 9:10 in English
Hosea 9:10 · Berean Standard Bible
I found Israel like grapes in the wilderness. I saw your fathers as the firstfruits of the fig tree in its first season. But they went to Baal-peor, and consecrated themselves to Shame; so they became as detestable as the thing they loved.
Context
8Odiyifoɔ no ne me Onyankopɔn
yɛ Efraim so wɛmfoɔ,
nanso wɔasum no afidie wɔ nʼakwan nyinaa so,
na ɔtane ahyɛ ne Onyankopɔn fie ma. 9Wɔaduru porɔeɛ bunu mu,
sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ Gibea nna no mu.
Onyankopɔn bɛkae wɔn atirimuɔden
na watwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne ho. 10“Ɛberɛ a mehunuu Israel no,
na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so;
ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no,
na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so.
Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no
wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.
Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no. 11Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa,
nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu. 12Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a,
mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.
Wɔnnue,
sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.