Hosea 9:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a!
Hosea 9:12 in English
Hosea 9:12 · Berean Standard Bible
Even if they raise their children, I will bereave them of each one. Yes, woe be to them when I turn away from them!
Context
10“Ɛberɛ a mehunuu Israel no,
na ɛte sɛ deɛ mahunu bobe wɔ anweatam so;
ɛberɛ a mehunuu mo agyanom no,
na ɛte sɛ deɛ mahunu borɔdɔma aba a ɛdi ɛkan wɔ ne dua so.
Nanso ɛberɛ a wɔbaa Baal-peor nkyɛn no
wɔdwiraa wɔn ho maa ohoni nimguaseni no.
Wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ohoni a wɔdɔ no no. 11Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa,
nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu. 12Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a,
mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu.
Wɔnnue,
sɛ meyi mʼani firi wɔn so a! 13Mahunu Efraim te sɛ Tiro,
a ɛda baabi a ɛyɛ.
Nanso Efraim de ne mma
bɛbrɛ okumfoɔ no.” 14Fa ma wɔn, Ao, Awurade,
ɛdeɛn na wode bɛma wɔn?
Ma wɔn yafunu a ɛpɔn
ne nufoɔ a nufosuo nni muo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.