Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mahunu Efraim te sɛ Tiro, a ɛda baabi a ɛyɛ. Nanso Efraim de ne mma bɛbrɛ okumfoɔ no.”

Hosea 9:13 in English

Hosea 9:13 · Berean Standard Bible

I have seen Ephraim, like Tyre, planted in a meadow. But Ephraim will bring out his children for slaughter.

Context

11Efraim animuonyam bɛtu akɔ sɛ anomaa, nyinsɛn ne awoɔ nni ne mu. 12Mpo sɛ wɔtete mmɔfra a, mɛma mmɔfra no awuwu wɔ wɔn nsa mu. Wɔnnue, sɛ meyi mʼani firi wɔn so a! 13Mahunu Efraim te sɛ Tiro, a ɛda baabi a ɛyɛ. Nanso Efraim de ne mma bɛbrɛ okumfoɔ no.” 14Fa ma wɔn, Ao, Awurade, ɛdeɛn na wode bɛma wɔn? Ma wɔn yafunu a ɛpɔn ne nufoɔ a nufosuo nni muo. 15“Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti, mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. Wɔn nnebɔne enti mɛpam wɔn afiri me fie. Merennɔ wɔn bio; ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.