Hosea 9:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti, mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ. Wɔn nnebɔne enti mɛpam wɔn afiri me fie. Merennɔ wɔn bio; ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ.
Hosea 9:15 in English
Hosea 9:15 · Berean Standard Bible
All their evil appears at Gilgal, for there I hated them. I will drive them from My house for the wickedness of their deeds. I will no longer love them; all their leaders are rebellious.
Context
13Mahunu Efraim te sɛ Tiro,
a ɛda baabi a ɛyɛ.
Nanso Efraim de ne mma
bɛbrɛ okumfoɔ no.” 14Fa ma wɔn, Ao, Awurade,
ɛdeɛn na wode bɛma wɔn?
Ma wɔn yafunu a ɛpɔn
ne nufoɔ a nufosuo nni muo. 15“Wɔn atirimuɔdensɛm nyinaa a wɔdii wɔ Gilgal enti,
mefaa wɔn ho tan wɔ hɔ.
Wɔn nnebɔne enti
mɛpam wɔn afiri me fie.
Merennɔ wɔn bio;
ɛfiri sɛ wɔn ntuanofoɔ nyinaa yɛ atuatefoɔ. 16Efraim agyigya,
ne nhini akusa,
enti wɔnso aba.
Sɛ wɔwo mma mpo a,
mɛkunkum wɔn mma a wɔdɔ wɔn no.” 17Me Onyankopɔn bɛpo wɔn,
ɛfiri sɛ, wɔannyɛ ɔsetie amma no;
Wɔbɛkyinkyini aman no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.