Hosea 11:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn. Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so.
Hosea 11:7 in English
Hosea 11:7 · Berean Standard Bible
My people are bent on turning from Me. Though they call to the Most High, He will by no means exalt them.
Context
5“Wɔbɛsane akɔ Misraim,
na Asiria adi wɔn so,
ɛsiane sɛ wɔannu wɔn ho enti. 6Akofena bɛdi ahim wɔ wɔn kuropɔn mu
na ɛbɛsɛe wɔn apono akyi adaban
na wɔn nhyehyɛeɛ to bɛtwa. 7Me nkurɔfoɔ asi no pi sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afiri me nkyɛn.
Sɛ wosu frɛ Ɔsorosoroni no mpo a
ɔrempagya wɔn ɛkwan biara so. 8“Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyi wo ama, Efraim?
Ɛbɛyɛ dɛn ma mɛyi wo ama, Israel?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Adma?
Ɛbɛyɛ dɛn na mɛyɛ wo sɛ Seboim?
Mʼakoma asesa wɔ me mu;
na mʼahummɔborɔ ahwanyane. 9Merenyɛ mʼabufuhyeɛsoɔ adeɛ,
ɛna merennane me ho ɛnsɛe Efraim nso.
Meyɛ Onyankopɔn na mennyɛ onipa.
Meyɛ Ɔkronkronni a ɔwɔ mu mu.
Meremma wɔ abufuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.